11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfo* sisii wɔn so sɛ wɔnhyɛ wɔn mma wɔnyɛ adwumaden;+ wɔma wɔkyekyee nkurow a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkurow no ne Pitom ne Raamse.+
14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden. Wɔma wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi, na wɔma wɔyɛɛ afuw mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛe.+