Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 2:30-35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan ma osen ne kɔn+ na opirim ne koma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛnea nnɛ mo ani tua yi.+

      31 “Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafi ase redan Sihon ne n’asaase ama wo, enti fi ase fa n’asaase no.’+ 32 Bere a Sihon ne ne dɔm nyinaa behyiaa yɛn ne yɛn fii ase koe wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, enti yedii ɔne ne mma ne ne manfo nyinaa so nkonim. 34 Saa bere no, yɛko faa ne nkurow nyinaa sɛee no, na yekunkum emu mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa. Yɛannyaw onipa baako mpo.+ 35 Wɔn nyɛmmoa nkutoo na yɛfae, na yenyaa nneɛma foforo nso wɔ nkurow a yɛko fae no mu.

  • Deuteronomium 29:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, nanso yedii wɔn so nkonim.+

  • Atemmufo 11:19, 20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 “‘Akyiri yi, Israel somaa nkurɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon, Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so nkɔ baabi a yɛrekɔ.”+ 20 Nanso na Sihon nnye Israelfo no nni sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa n’asaase so kɛkɛ, enti Sihon boaboaa ne nkurɔfo nyinaa ano, na wɔkɔsoɛe wɔ Yahas, na wɔne Israelfo koe.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena