13Saa da no, wɔkenkan Mose nhoma no maa ɔman no tee;+ na wohui sɛ wɔakyerɛw wom sɛ ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo+ ba nokware Nyankopɔn no asafo mu da,+2 efisɛ wɔamfa aduan* ne nsu ammehyia Israelfo no; mmom, wɔkɔbɔɔ Baalam paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no dan nhyira.+