Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 4:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Mo ankasa mode mo ani huu nea Yehowa yɛe bere a ebinom kɔsom Baal-Peor no. Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a okodii Baal-Peor akyi+ fii mo mu.

  • Yosua 22:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Bɔne a yɛyɛe wɔ Peor no, ɛno ara nnɔɔso mma yɛn anaa? Ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so, na ɛde besi nnɛ nyinaa, yɛntetew yɛn ho mfii ɔhaw no ho.+

  • Dwom 106:28, 29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Afei wɔkɔsom* Baal-Peor,+

      Na nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre maa nea nkwa nnim na wodii.*

      29 Wɔde wɔn nneyɛe hyɛɛ no abufuw,+

      Na ɔhaw baa wɔn so.+

  • Hosea 9:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea manya sare so bobe.+

      Bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea manya borɔdɔma a edi kan sow wɔ afe no mu aba a edi kan.

      Nanso wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn,+

      Na wohyiraa wɔn ho so maa aniwude no.*+

      Na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ade a wɔdɔ no no ara.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena