Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 15:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo?+

      Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+

      Wo na ɛsɛ sɛ wosuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwonwade.+

  • 2 Samuel 7:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 O Awurade Tumfo Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛse ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa.

  • 1 Ahene 8:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Ɛnna ɔkae sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo;+ wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi+ kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa som wo no.+

  • Dwom 86:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  8 O Yehowa, onyame biara nte sɛ wo,+

      Na obiara nnwuma ne wo de nsɛ.+

  • Yeremia 10:6, 7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+

      Woyɛ kɛse; wo din so, na ɛkorɔn.

       7 O amanaman Hene, hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wo na ɛfata wo;

      Amanaman no anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu no,

      Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena