-
Numeri 21:33-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
33 Ɛno akyi no, wɔdan wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfo nyinaa kohyiaa Israelfo no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+ 34 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ efisɛ mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa,+ na sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.”+ 35 Enti wokunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfo nyinaa, na anka ne nkurɔfo no baako mpo;+ na wɔfaa n’asaase no.+
-