5 Na ɔka kyerɛɛ Sukot mmarima sɛ: “Mepa mo kyɛw, momma nnipa a wodi m’akyi no paanoo, efisɛ wɔabrɛ, na meretaa Midian ahemfo Sebah ne Salmuna.” 6 Nanso Sukot abirɛmpɔn no kae sɛ: “Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wuse yɛmma w’asraafo paanoo?”