1 Samuel 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+ Dwom 66:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nanso Onyankopɔn tiee me;+Ɔyɛɛ aso maa me mpaebɔ.+ Mmebusɛm 15:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Yehowa ne abɔnefo ntam kwan ware,Na atreneefo de, otie wɔn mpaebɔ.+
11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+