29 Ɔtoo no din Noa,*+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, efisɛ asaase a Yehowa domee no nti, yɛyɛ adwuma brɛ na yɛte yaw wɔ yɛn nsa ano adwuma mu.”+
21 Na Mose penee so sɛ ɔbɛtena ɔbarima no nkyɛn, na ɔde ne babea Sipora+ maa Mose aware. 22 Akyiri yi, ɔbea no woo ɔbabarima, na Mose too no din Gersom,*+ efisɛ ɔkae sɛ: “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asaase so.”+