-
1 Samuel 27:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Ɔbarima oo, ɔbea oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, efisɛ ɔkae sɛ: “Anyɛ saa a wɔbɛkɔ akɔka nea yɛayɛ sɛ, ‘Sɛɛ na Dawid ayɛ.’” (Bere a ɔde tenaa Filistifo akuraa no ase nyinaa, saa ara na ɔyɛe.) 12 Enti Akis gyee Dawid dii, na ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Ampa ara ne ho abɔn ne man Israel, na ɔbɛyɛ m’akoa daa.”
-