30 Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.+31 Ɔno de, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfo+ hene Etbaal babea Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no.
13Yuda hene Ahasia+ ba Yehoas+ ahenni afe a ɛto so 23 mu no, Yehu+ ba Yehoahas bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe 17. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔyɛe. Wantwe ne ho amfi ho.