-
2 Ahene 12:4, 5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Yehoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Afɔrebɔde kronkron+ sika a wɔde ba Yehowa fi nyinaa,+ ankorankoro tow, sika* a wɔn a wɔaka ntam no tua, ne sika biara a obi koma bɛka no ama ɔde aba Yehowa fi no,+ munnyigye ne nyinaa. 5 Momma asɔfo no nnyigye mfi wɔn a wɔde bɛba no* nkyɛn, na wɔmfa nsiesie baabiara a asɛe* wɔ ofi no mu.”+
-
-
2 Beresosɛm 34:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Wɔbaa ɔsɔfo panyin Hilkia nkyɛn, na sika a wɔde aba Onyankopɔn fi hɔ a na Lewifo a wɔyɛ apon ano ahwɛfo no aboaboa ano no, wɔde ne nyinaa kɔmaa no. Wonya fii Manase, Efraim, ne Israelfo a wɔaka nyinaa,+ ne Yuda, Benyamin, ne Yerusalemfo hɔ. 10 Ɛnna wɔde hyɛɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fi hɔ no nsa, na adwumayɛfo a wɔwɔ Yehowa fi hɔ no nso de siesiee ofi no miamiaa mu.
-