-
Esra 7:14-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Ɔhene ne n’agyinatufo baason no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16 na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wubenya wɔ Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛde a ɔman no ne asɔfo beyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+
-