10 Anuanom, momma adiyifo a wɔkasae wɔ Yehowa din mu+ no amanehunu+ ne wɔn abotare+ nyɛ nhwɛso mma mo. 11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigye.”+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae;+ moabehu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye paa, na ɔwɔ mmɔborɔhunu.+