Dwom 103:15, 16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Onipa dasani wɔ hɔ yi, ne nna te sɛ sare;+Ɔte sɛ wuram nhwiren a ayɛ frɔmfrɔm,+ 16 Nanso mframa bɔe ara na ayera,Obi nkae mpo sɛ na ɛwɔ hɔ.* Yesaia 40:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Tie! Obi se: “Teɛm!” Ɛnna obi foforo bisae sɛ: “Menteɛm nka dɛn?” “Ɔhonam nyinaa* te sɛ sare momono. Ɔdɔ a enni huammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+ Yakobo 1:10, 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 na ɔdefo nso nni ahurusi sɛ wɔabrɛ no ase,+ efisɛ ɔdefo betwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Sɛnea owia pue a ɛbɔ denneennen na ɛhyew wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefo begyaw nneɛma a odi akyi no hɔ akɔ.+ 1 Petro 1:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na “ɔhonam* nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ wuram nhwiren; sare hyew na nhwiren porow gu,
15 Onipa dasani wɔ hɔ yi, ne nna te sɛ sare;+Ɔte sɛ wuram nhwiren a ayɛ frɔmfrɔm,+ 16 Nanso mframa bɔe ara na ayera,Obi nkae mpo sɛ na ɛwɔ hɔ.*
6 Tie! Obi se: “Teɛm!” Ɛnna obi foforo bisae sɛ: “Menteɛm nka dɛn?” “Ɔhonam nyinaa* te sɛ sare momono. Ɔdɔ a enni huammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+
10 na ɔdefo nso nni ahurusi sɛ wɔabrɛ no ase,+ efisɛ ɔdefo betwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Sɛnea owia pue a ɛbɔ denneennen na ɛhyew wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefo begyaw nneɛma a odi akyi no hɔ akɔ.+
24 Na “ɔhonam* nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ wuram nhwiren; sare hyew na nhwiren porow gu,