Genesis 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Adam dii mfe 130 no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.+ Dwom 51:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.*+ Romafo 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae,+ na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+
12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae,+ na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+