28 Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne,+29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwade no akɔ atemmu wusɔre mu.+
43 Bere a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!”+44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue bae. Ná wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntama bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan no, na momma ɔnkɔ.”