Hiob 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?+ Bere a meda so wɔ nkoasom mu* yi de, mɛtwɛnAkosi sɛ menya ahotɔ.+ Dwom 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefo,+Ma m’anom nsɛm ne me komam nsusuwii nyɛ wo fɛ.+ Dwom 69:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Twiw bɛn me na begye me;*Gye me fi m’atamfo nsam. Dwom 103:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ma minyi* Yehowa ayɛ;Mma ɛmma da sɛ me werɛ befi nea wayɛ nyinaa.+ Dwom 103:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ogye wo nkwa na woankɔ amoa* mu,+Na ɔde ne dɔ a enni huammɔ ne ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri.+ Mateo 20:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Saa ara na onipa Ba no yɛe; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+ Marko 10:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Efisɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+
14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?+ Bere a meda so wɔ nkoasom mu* yi de, mɛtwɛnAkosi sɛ menya ahotɔ.+
28 Saa ara na onipa Ba no yɛe; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+
45 Efisɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+