12 Na sɛ onii no wɔ ahokyere mu a, nea ɔde asi awowa a ɛwɔ wo nkyɛn no, hwɛ na woamma ade ankye so.+ 13 Owia kɔtɔ ara pɛ a, san fa nea ɔde sii awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntama no nkɔda+ na onhyira wo. Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bebu wo sɛ woyɛ ɔtreneeni.