Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 14:1-7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Onipa a onni adwene* ka no ne komam sɛ:

      “Yehowa biara nni hɔ.”+

      Wɔn suban asɛe koraa, na wɔyɛ akyiwade.

      Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+

       2 Yehowa de, ofi soro hwɛ nnipa mma;

      Ɔrehwɛ sɛ obehu obi a ɔwɔ nhumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+

       3 Wɔn nyinaa afom kwan;+

      Wɔn nyinaa aporɔw.

      Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,

      Ɔbaako mpo nni hɔ.

       4 Nnebɔneyɛfo no mu biara nni hɔ a ɔwɔ ntease anaa?

      Wɔmemene me man sɛnea wɔanya paanoo redi.

      Wɔmmɔ Yehowa mpae.

       5 Ehu kɛse bɛka wɔn,+

      Efisɛ Yehowa ka atreneefo bagua* ho.

       6 Mo, abɔnefo, mode asi mo ani so sɛ mobɛsɛe mmɔborɔwa nhyehyɛe,

      Nanso Yehowa ne ne guankɔbea.+

       7 Sɛ Israel nkwagye befi Sion aba,+

      Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfo a wɔakodi obi man so no ano aba a,

      Ɛnde ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurusi.

  • Romafo 3:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɔtreneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ;+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena