Dwom 22:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Asaase ano nyinaa bɛkae, na wɔadan aba Yehowa nkyɛn. Amanaman mmusuakuw nyinaa bɛkotow w’anim.+ Malaki 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Efi apuei kosi atɔe,* me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde wɔ baabiara, na wɔabɔ afɔre de ahyɛ me din anuonyam sɛ akyɛde a ɛho tew, efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ asafo Yehowa asɛm ni.
11 “Efi apuei kosi atɔe,* me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde wɔ baabiara, na wɔabɔ afɔre de ahyɛ me din anuonyam sɛ akyɛde a ɛho tew, efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ asafo Yehowa asɛm ni.