5 Enti Amorifo+ ahemfo baanum no, kyerɛ sɛ, Yerusalem hene ne Hebron hene ne Yamut hene ne Lakis hene ne Eglon hene ne wɔn asraafo nyinaa kaa wɔn ho boom, na wokotwaa Gibeon ho hyiae sɛ wɔne wɔn rekɔko.
10 Na Yehowa maa wɔn ani so tan wɔn wɔ Israelfo no anim,+ na wokunkum dɔm kɛse wɔ Gibeon. Wotiw wɔn faa ɔkwan a ɛforo kɔ Bet-Horon no so, na wokunkum wɔn de koduu Aseka ne Makeda.