2 Samuel 23:3, 4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Israel Nyankopɔn kasae,Israel Botan no+ ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sɛ nea odi adasamma so no yɛ ɔtreneeni,+Na sɛ odi hene wɔ Onyankopɔn suro mu a,+ 4 Ɛte sɛ anɔpa hann, bere a owia apue,+Anɔpa a omununkum nni hɔ. Ɛte sɛ bere a osu atɔ awie na owia abɔAma sare afifi asaase so.’+ Mmebusɛm 16:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ;N’adom te sɛ omununkum a ɛma osu tɔ wɔ fefɛw bere mu.+ Mmebusɛm 19:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata* mmobom,+Na n’anim anuonyam te sɛ wura so bosu.
3 Israel Nyankopɔn kasae,Israel Botan no+ ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sɛ nea odi adasamma so no yɛ ɔtreneeni,+Na sɛ odi hene wɔ Onyankopɔn suro mu a,+ 4 Ɛte sɛ anɔpa hann, bere a owia apue,+Anɔpa a omununkum nni hɔ. Ɛte sɛ bere a osu atɔ awie na owia abɔAma sare afifi asaase so.’+