1 Samuel 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa na ɔma onipa di hia, na ɔma onipa di yiye;+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.+ Daniel 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔsesã mmere ne nna,+Otu ahene na osi ahene,+Ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nimdeɛ.+ Daniel 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Awɛmfo na wɔde saa asɛm yi too gua,+ na akronkronfo na wɔhwɛ ma wɔde atemmu yi too gua, na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.” Luka 1:52 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 52 Watu atumfo afi nhengua so,+ na wama mmɔborɔwafo so;+
21 Ɔsesã mmere ne nna,+Otu ahene na osi ahene,+Ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nimdeɛ.+
17 Awɛmfo na wɔde saa asɛm yi too gua,+ na akronkronfo na wɔhwɛ ma wɔde atemmu yi too gua, na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”