-
Nehemia 9:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wo nkurɔfo so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abesi nnɛ.+ 11 Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotow wɔn guu ɛpo bun no mu te sɛ ɔbo a wɔatow ato nsu a ano yɛ den mu.+
-
-
Habakuk 3:15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Wode w’apɔnkɔ faa ɛpo mu;
Wode faa nsu pii a ɛrebu fa so mu.
-