-
1 Beresosɛm 29:18, 19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 O Yehowa, yɛn agyanom Abraham, Isak, ne Israel Nyankopɔn, ma adwene ne koma pa a wo man anya no ntena hɔ daa, na kyerɛ wɔn koma kwan bra wo nkyɛn.+ 19 Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu,+ na onni wo mmara nsɛm,+ wo nkaesɛm, ne w’ahyɛde so; ɔnyɛ ne nyinaa na onsi asɔrefi* a maboaboa ho nneɛma ano asie no.”+
-