Exodus 17:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hwɛ, megyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim. Numeri 20:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna Mose maa ne nsa so, na ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn nyɛmmoa fii ase nomee.+ Dwom 105:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Ɔpaee ɔbotan mu, na nsu fii mu bae;+Ɛsen wɔ sare no so te sɛ asubɔnten.+ Yesaia 48:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Bere a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, osukɔm anne wɔn.+ Ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;Ɔpaee ɔbotan mu maa nsu tuei.”+ 1 Korintofo 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam nsu+ koro. Wɔnom fii honhom fam ɔbotan a edii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+
6 Hwɛ, megyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim.
11 Ɛnna Mose maa ne nsa so, na ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn nyɛmmoa fii ase nomee.+
21 Bere a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, osukɔm anne wɔn.+ Ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;Ɔpaee ɔbotan mu maa nsu tuei.”+
4 na wɔn nyinaa nom honhom fam nsu+ koro. Wɔnom fii honhom fam ɔbotan a edii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+