-
2 Beresosɛm 36:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Enti ɔmaa Kaldeafo hene+ de sekan baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberante oo, ɔbaabun oo, ɔpanyin oo, nea wagow oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+ 18 Nokware Nyankopɔn no fi nneɛma nyinaa, nketewa ne akɛse, Yehowa fi akorade, ne ɔhene ne ne mpanyimfo akorade nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.+ 19 Ɔhyew nokware Nyankopɔn fi no,+ na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ kurow no abannennen nso, ɔde ogya hyew ne nyinaa, na kurow no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+
-