16 Na nkurɔfo a adiyifo no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne sekan no nti. Na obiara rensie wɔn,+ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nyinaa. Na mehwie mmusu a ɛfata wɔn agu wɔn so.’+
4 ‘Owuyare bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɔkɔm na ebekunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asaase so mmoa.’