-
Adiyisɛm 7:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Eyi akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wokurakura berɛw wɔ wɔn nsam.+ 10 Na wɔde nne kɛse kɔ so teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so+ ne Oguammaa no+ hɔ.”
-