16 Onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɔkwan bɛn na onyansafo bɛfa so awu? Obewu te sɛ ɔkwasea ara pɛ.+
10 Na mihui sɛ wɔresie abɔnefo, wɔn a na wodi kronkronbea hɔ akɔneaba no. Nanso ankyɛ na nnipa werɛ fii wɔn wɔ kurow a na wodi bɔne wom no mu.+ Eyi nso yɛ ahuhude.