Exodus 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Enti mɛteɛ me nsa abɔ Egypt na mayɛ anwonwade pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ Deuteronomium 4:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmu,* nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ ɔko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a wateɛ mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ beyi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no? Luka 1:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 Ɔde ne basa ayɛ nneɛma akɛse; wɔn a wodi ahantansɛm wɔ wɔn koma mu no, wabɔ wɔn apansam.+
34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmu,* nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ ɔko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a wateɛ mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ beyi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no?