-
Asomafo Nnwuma 2:25-28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: ‘Mede Yehowa* asi m’anim daa. Ɔwɔ me nsa nifa, enti merenhinhim da. 26 Eyi nti, me koma ani gyei na me tɛkrɛma dii ahurusi kɛse. Na mɛtena* anidaso mu; 27 efisɛ worennyaw me* wɔ Ɔdamoa* mu, na woremma nea odi nokware ma wo* no mporɔw.*+ 28 Woama mahu nkwa kwan; wobɛma manya anigye kɛse wɔ w’anim.’+
-