-
Daniel 9:20, 21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Bere a migu so rekasa, na merebɔ mpae, na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me Nyankopɔn bepɔw kronkron ho adesrɛ reto Yehowa me Nyankopɔn anim no,+ 21 yiw, bere a migu so rebɔ mpae no, ɔbarima Gabriel+ a midii kan huu no wɔ anisoadehu mu no+ baa me nkyɛn. Ɔbaa me nkyɛn anwummere, bere a wɔbɔ akyɛde afɔre no. Saa bere no, na mabrɛ a mintumi nyɛ me ho hwee.
-