Dwom 9:13, 14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O Yehowa, hwɛ sɛnea m’atamfo ma me ho hiahia me; hu me mmɔbɔ,Wo a woma me so fi owu apon ano no.+14 Ɛno bɛma matumi aka w’ayeyi nnwuma wɔ Sion babea apon ano,+Na manya anigye wɔ wo nkwagye nnwuma mu.+ Dwom 22:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;+Meyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.+ Yesaia 51:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba.+ Wɔde anigye kɛse bɛba Sion,+Na ahurusidi bɛyɛ ahenkyɛw ama wɔn* daa.+ Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,Na awerɛhow ne apinisi beguan.+
13 O Yehowa, hwɛ sɛnea m’atamfo ma me ho hiahia me; hu me mmɔbɔ,Wo a woma me so fi owu apon ano no.+14 Ɛno bɛma matumi aka w’ayeyi nnwuma wɔ Sion babea apon ano,+Na manya anigye wɔ wo nkwagye nnwuma mu.+
11 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba.+ Wɔde anigye kɛse bɛba Sion,+Na ahurusidi bɛyɛ ahenkyɛw ama wɔn* daa.+ Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,Na awerɛhow ne apinisi beguan.+