-
Hiob 38:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Hena na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pon mu,+
Bere a epue fii ɔyafunu mu,
9 Bere a mede omununkum kataa ho,
Na mede esum kabii kyekyeree ho,
10 Bere a metoo ɔhye maa no,
Na misisii apon ne ade a wɔde brambram akyi maa no,+
-
Mmebusɛm 8:29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Bere a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpo
Sɛ ɛnsɛ sɛ emu nsu bu ne mmara so,+
Bere a ɔtoo asaase fapem no,*
-
-
-