Genesis 41:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Nanso ɛno akyi no ɔkɔm bɛba mfe ason, na nnipa renkae mpo sɛ aduan abu so wɔ Egypt asaase so pɛn. Eyi bɛyɛ ɔkɔm fitaa a ɛbɛka asaase no nyinaa.+ Genesis 41:54 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 54 na ɔkɔm a Yosef kae sɛ ɛbɛba mfe ason no fii ase.+ Ɔkɔm no baa nsaase nyinaa so, nanso na aduan* wɔ Egypt asaase so baabiara.+ Genesis 42:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti Israel mma no kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduan, na wɔne ebinom boom kɔe, efisɛ na ɔkɔm no adu Kaanan asaase so.+ Asomafo Nnwuma 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɔkɔm baa Egypt ne Kaanan nyinaa, yiw, ahokyere kɛse paa, na na yɛn agyanom nnya biribiara nni.+
30 Nanso ɛno akyi no ɔkɔm bɛba mfe ason, na nnipa renkae mpo sɛ aduan abu so wɔ Egypt asaase so pɛn. Eyi bɛyɛ ɔkɔm fitaa a ɛbɛka asaase no nyinaa.+
54 na ɔkɔm a Yosef kae sɛ ɛbɛba mfe ason no fii ase.+ Ɔkɔm no baa nsaase nyinaa so, nanso na aduan* wɔ Egypt asaase so baabiara.+
5 Enti Israel mma no kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduan, na wɔne ebinom boom kɔe, efisɛ na ɔkɔm no adu Kaanan asaase so.+
11 Na ɔkɔm baa Egypt ne Kaanan nyinaa, yiw, ahokyere kɛse paa, na na yɛn agyanom nnya biribiara nni.+