-
Exodus 7:20, 21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Nea Yehowa kae sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛe; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsu a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsu nyinaa dan mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ asubɔnten no mu wuwui,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfo no antumi annom Nil mu nsu,+ na mogya baa Egypt asaase so baabiara.
-