-
Exodus 10:13-15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne poma wɔ Egypt asaase so, na da mu no nyinaa, Yehowa maa apuei mframa bɔ faa asaase no so; ɛbɔɔ awia ne anadwo. Ade kyee anɔpa no, apuei mframa no soaa ntutummɛ bae. 14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asaase no nyinaa so, na wobesum asaase no so baabiara.+ Wɔsɛee ade papaapa.+ Ná ntutummɛ a wɔte saa mmae da, na ɛno akyi nso, ebi amma saa bio da. 15 Wɔkataa asaase no so baabiara maa asaase no so yɛɛ tumm; na wodii asaase no so nhaban ne nnuaba a asukɔtweaa no gyawee nyinaa. Afei, na ahaban momono biara nni dua anaa afuw mu afifide biara so wɔ Egypt asaase nyinaa so.
-