Dwom 34:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Agyata* a wɔn ho yɛ den mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn,Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.+ Yesaia 55:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Adɛn nti na mokɔ so tew sika tɔ nea ɛnyɛ aduan,Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho? Monyɛ aso ntie me, na munni adepa,+Na mubedi* aduan pa* ama mo ani agye paa.+ Luka 1:53 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 53 wama nneɛma pa amee wɔn a ɔkɔm de wɔn,+ na wama wɔn a wɔwɔ ahonyade de nsapan kɔ.
10 Agyata* a wɔn ho yɛ den mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn,Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.+
2 Adɛn nti na mokɔ so tew sika tɔ nea ɛnyɛ aduan,Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho? Monyɛ aso ntie me, na munni adepa,+Na mubedi* aduan pa* ama mo ani agye paa.+