-
Mateo 21:7-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Wɔde afurum no ne ne ba no bae, na wɔde wɔn ntaade nguguso guu wɔn so, na ɔtenaa so.+ 8 Nnipadɔm no mu dodow no ara de wɔn ntaade nguguso sesɛw kwan mu,+ na ebinom nso twitwaa nnua mmaa de guu ɔkwan no mu. 9 Na nnipadɔm no, wɔn a wodi n’anim ne wɔn a wodi n’akyi nyinaa, kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye* Dawid Ba no!+ Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro noho!”+
-
-
Marko 11:7-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Na wɔde afurum ba+ no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntaade nguguso guu no so, na ɔtenaa so.+ 8 Afei nso, nnipa bebree de wɔn ntaade nguguso sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnua mmaa fii wuram.+ 9 Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyi no kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no!+ Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ 10 Nhyira ne yɛn agya Dawid+ Ahenni a ɛreba no! Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro noho!”
-