1 Samuel 30:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Dawid ho yeraw no paa, efisɛ na mmarima no rekeka sɛ wobesiw no abo. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afuw. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na onyaa ahoɔden.+ Dwom 62:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 62 Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn* no. Ne hɔ na me nkwagye fi.+ Yesaia 30:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea Awurade Tumfo Yehowa, Israel Kronkronni no aka ni: “Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mubenya nkwa.Na sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.”+ Nanso moampene.+ Kwadwom 3:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Eye sɛ onipa bɛyɛ komm atwɛn*+ Yehowa nkwagye.+
6 Dawid ho yeraw no paa, efisɛ na mmarima no rekeka sɛ wobesiw no abo. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afuw. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na onyaa ahoɔden.+
15 Nea Awurade Tumfo Yehowa, Israel Kronkronni no aka ni: “Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mubenya nkwa.Na sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.”+ Nanso moampene.+