10 Awudisɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+
W’anim begu ase,+
Na wɔbɛsɛe wo afebɔɔ.+
11 Da a wotwee wo ho gyinaa nkyɛn,
Na ahɔho kyeree n’asraafo kɔe,+
Na ananafo hyɛn ne kurow pon mu bɔɔ Yerusalem so ntonto no,+
Wukogyinaa wɔn afã.
12 Wo nua amanehunu da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ w’ani gye;+
Yudafo sɛe da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ wudi ahurusi;+
Na wɔn ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wohoahoa wo ho.
13 Me man amanehunu da no, ɛnsɛ sɛ anka wuwura wɔn kurom.+
N’ahohia da no, anka ɛnsɛ sɛ w’ani gye;
Na ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa ka n’agyapade n’amanehunu da.+