Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 16:6, 7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Bere a wɔbae a ohuu Eliab+ no, ɔkae sɛ: “Ampa, nea Yehowa asra no no na ogyina n’anim yi.” 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa dasani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+

  • 1 Beresosɛm 28:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 “Na wo, me ba Solomon, hu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa koma a edi mu ne ɔkra* mu anigye* som no;+ efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu,+ na yɛn tirim adwene nyinaa, ohu.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.+

  • Dwom 17:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Wopɛɛpɛɛ me komam, na wohwehwɛ me mu anadwo;+

      Wuyiyi me mu;+

      Bere biara a wobɛyɛ saa no, wubehu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne biara,

      Na memfaa m’ano nkaa asɛmmɔne.

  • Dwom 139:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu.+

      Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen.+

  • Yeremia 20:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na wo, asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu;

      Wo na wuhu onipa tirim adwene* ne ne koma mu.+

      Ma minhu sɛnea wubetua wɔn ka,+

      Efisɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena