26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moyɛ saa amanne yi?’+ a, 27 monka sɛ, ‘Ɛyɛ Twam afɔre a yɛbɔ ma Yehowa; ɔno na bere a ɔrekunkum Egyptfo na oduu Israelfo afi ho wɔ Egypt no, otwaam a wamfa ne nsa anka obiara wɔ yɛn afi mu.’”
Ɛnna nkurɔfo no kotow de wɔn anim butubutuw fam.