1 Ahene 8:66 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 66 Da a edi hɔ* no, ogyaa ɔman no kwan, na wohyiraa ɔhene, na obiara kɔɔ ne fi, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nti, wɔde anigye ne akomatɔyam na ɛkɔe.+ Dwom 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.*+ Dwom 31:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Wo papayɛ dɔɔso sɛ!+ Wode asie ama wɔn a wosuro wo no,+Na wɔn a wɔde wo yɛ guankɔbea no, woda no adi kyerɛ wɔn wɔ nnipa nyinaa anim.+ Yesaia 63:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no. Yeremia 31:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔw so,+Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurusi,Hwiit* ne bobesa foforo+ ne ngo ho,Ɛne nguan mma ne anantwi ho.+ Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsu pii,+Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+
66 Da a edi hɔ* no, ogyaa ɔman no kwan, na wohyiraa ɔhene, na obiara kɔɔ ne fi, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nti, wɔde anigye ne akomatɔyam na ɛkɔe.+
19 Wo papayɛ dɔɔso sɛ!+ Wode asie ama wɔn a wosuro wo no,+Na wɔn a wɔde wo yɛ guankɔbea no, woda no adi kyerɛ wɔn wɔ nnipa nyinaa anim.+
7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no.
12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔw so,+Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurusi,Hwiit* ne bobesa foforo+ ne ngo ho,Ɛne nguan mma ne anantwi ho.+ Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsu pii,+Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+