1 Samuel 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no bae sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wodii nkogu wɔ Israel anim.+ Dwom 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Yehowa fi ɔsoro boboom;+Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+Na asukɔtweaa ne nnyansramma nso bae.
10 Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no bae sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wodii nkogu wɔ Israel anim.+