2 Samuel 15:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfo no ho.”+ Ɛnna Dawid kae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma Ahitofel afotu* nnan nkwaseasɛm!”+ 2 Samuel 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fifo akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wui. Na wosiee no wɔ n’agyanom amusiei. Dwom 7:14, 15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hwɛ! Obi nyem bɔne;Onyinsɛn ɔhaw, na ɔwo nkontompo.+ 15 Ɔbɔ amoa, na otu ma ɛkɔ fam;Nanso obon a watu no, ɔno ara na ɔbɛtɔ mu.+
31 Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfo no ho.”+ Ɛnna Dawid kae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma Ahitofel afotu* nnan nkwaseasɛm!”+
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fifo akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wui. Na wosiee no wɔ n’agyanom amusiei.
14 Hwɛ! Obi nyem bɔne;Onyinsɛn ɔhaw, na ɔwo nkontompo.+ 15 Ɔbɔ amoa, na otu ma ɛkɔ fam;Nanso obon a watu no, ɔno ara na ɔbɛtɔ mu.+