22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ama wabemuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ efisɛ wahu sɛ midi bem wɔ n’anim; na wo, ɔhene nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”
11 Bere a Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Yehowa* na ɔsomaa ne bɔfo sɛ ommegye me mfi Herode nsam, na onyi me mfi biribiara a na Yudafo no pɛ sɛ ɛto me no mu.”+