Dwom 72:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ne bere so no, ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,*+Na asomdwoe pii bɛba+ akosi sɛ ɔsram befi hɔ. Dwom 119:165 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe pii;+Biribiara rentumi nto wɔn hintidua.* Yesaia 48:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ wubetie me mmara nsɛm a,+ Anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten,+Na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+